Asante Twi | YOHANE Asɛmpa - The gospel of John | The life of Jesus Christ | full movie

Поделиться
HTML-код
  • Опубликовано: 3 июл 2024
  • NHYƐNMU
    Yohane Asɛmpa no yi Yesu kyerɛ sɛ Onyankopɔn Asɛm a ɔyɛ Nkwa Farebae a ɔbɛtenaa yɛn mu (1.14). Sɛdeɛ nwoma no ara ka no, wɔatwerɛ saa Asɛmpa yi sɛdeɛ ɛbɛyɛ na n’akenkanfoɔ bɛgye Yesu adi sɛ Agyenkwa no, Onyankopɔn ba no, deɛ wɔahyɛ ne ho bɔ no, a wɔnam ne mu gyidie so bɛnya nkwa (20.31).
    Ɔyi Yesu adi sɛ Nyankopɔn Asɛm a ɔyɛ Nkwa Farebae no wie wɔ ahyɛaseɛ nkyerɛkyerɛmu no a, Asɛmpa no fa a ɛdi kan ka Yesu nsɛnkyerɛnneɛ ahodoɔ a ɔyɛeɛ de kyerɛɛ sɛ ɔno ne Agyenkwa a wɔahyɛ ne ho bɔ no, Onyankopɔn ba no. Nkɔmmɔbɔ a ɛtoa soɔ no kyerɛkyerɛ deɛ nsɛnkyerɛnneɛ no ma no da adie. Nwoma no fa yi ma no da adi sɛdeɛ ebinom gyee Yesu dii, maa wɔbɛdanee n’akyidifoɔ, berɛ a ebinom nso yɛɛ no dɔm, na wɔannye no anni.
    Ti 13-17 kyerɛ ayɔnkofa kɛseɛ a ɛbɛdaa Yesu ne n’asuafoɔ no ntam wɔ anadwo a wɔakye no no, ne awerɛkyekyerɛ ne ahosiesie nsɛm a ɔde gyaa wɔn anadwo a adeɛ rebɛkyɛ ama no awuo no. Ti a ɛdi akyire no ka Yesu kyereɛ, wɔde no kɔgyinaa asɛniiɛ, ne wuo ne ne wusɔreɛ, ne n’ahoyie a ɔyii kyerɛɛ n’asuafoɔ ɛberɛ a ɔsɔre firii awufoɔ mu no ho asɛm.
    Yohane si daa nkwa a ɛwɔ Kristo mu no so dua, akyɛdeɛ a ɔde ma seesei ara ma wɔn a wɔgye Yesu di sɛ ɔno ne ɔkwan, nokorɛ ne nkwa no. Deɛ ɛda adi pefee wɔ Yohane ho ne sɛdeɛ ɔde nnoɔma a yɛtaa hunu wɔ yɛn asetena mu toto honhom mu nnoɔma a ɛwɔ hɔ no ho. Nnoɔma bi te sɛ: Nsuo, paanoo, hann, odwanhwɛfoɔ no ne ne nnwan, bobe ne n’aduaba.
    EMU NSƐM
    Ahyɛaseɛ nkyerɛkyerɛmu 1.1-18
    Osuboni Yohane ne Yesu asuafoɔ a wɔdi kan no 1.19-51
    Yesu abɔntene so som adwuma 2.1-12.50
    Ɔbɛn Yerusalem ne nnawɔtwe a ɛdi akyire a ɔdii wɔ hɔ no 13.1-19.42
    Awurade wusɔreɛ ne n’ahoyie no 20.1-31
    Awieeɛ nsɛm; ɔyii ne ho adi bio wɔ Galilea 21.1-25
    ---
    00:00 YOHANE 1 Hann A Ɛwɔ Sum Mu, Yohane Adansedie, Yesu, Onyankopɔn Dwammaa No, Yesu Asuafoɔ A Wɔdi Kan, Yesu Frɛ Filipo Ne Natanael,
    12:03 YOHANE 2 Yesu Ma Nsuo Dane Nsa, Yesu Kɔ Asɔredan Mu
    19:11 YOHANE 3 Nikodemo Kɔ Yesu Nkyɛn, Yohane Di Yesu Ho Adanseɛ,
    24:24 YOHANE 4: Yesu ne Samariani baa no, Samariafoɔ pii gye Yesu nkyerɛkyerɛ, Galileafoɔ gye Yesu, Ahenkwaa bi ba ayaresa,
    33:17 YOHANE 5: Betesda obubuani no ayaresa, Yudafoɔ akyinnyegyeɛ, Yesu mmuaeɛ, Owusɔreɛ ne atemmuo, Osuboni Yohane adanseɛ, Nyankopɔn no ara adanseɛ, Apam dada adanseɛ, Anidie ahodoɔ mmienu, Mose ho akyinnyegyeɛ,
    41:48 YOHANE 6: Nnipa mpemnum aduanema, Yesu nante po so, Paano a ɛfiri soro, Asuafoɔ bi akyirisan, Petro paemuka,
    56:49 YOHANE 7: Yesu nuanom, Adwene ahodoɔ, Yesu firi soro, Deɛ nkurɔfoɔ susuo, Yesu bɛsane akɔ Nyankopɔn nkyɛn, Nkwa nsuo ho bɔhyɛ, Nkurɔfoɔ no adwene mu mpaepaemu, Wɔantumi ankye Kristo,
    01:04:36 YOHANE 8: Ɔbaa odwamammɔfoɔ bi, Yesu ne wiase hann no, Yesu hyɛ ne wuo ho nkɔm,
    Nokorɛ asuafoɔ, Yesu ne Abraham,
    01:15:40 YOHANE 9: Onifirani bi adehunu, N’afipamfoɔ asɛmmisa, Farisifoɔ asɛmmisa, N’awofoɔ hɔ asɛmmisa, Farisifoɔ pam no, Onifirani no gye Yesu di, Farisifoɔ anifira,
    01:23:52 YOHANE 10: Yesu ne Odwanhwɛfoɔ pa no, Nnwammuo ano pono, Odwanhwɛfoɔ pa no, Yesu nsɛnkyerɛnneɛ, Yudafoɔ no pɛ sɛ wɔkum Yesu, Yesu twa kɔ Yordan agya.
    01:30:14 YOHANE 11: Lasaro wuo, Yesu kɔ Betania, Lasaro wuo ne ne sie, Lasaro nyane, Kaiafa nkɔmhyɛ, Yesu twe ne ho kɔ Efraim,
    01:40:29 YOHANE 12: Maria de ngohwan sra Yesu, Wɔtu agyina sɛ wɔbɛkum Lasaro, Yesu hyɛne Yerusalem nkonimdie mu, Helafoɔ bi pɛ sɛ wɔhunu Yesu, Yesu ka ne wuo ho asɛm, Nkurɔfoɔ no ntumi nnye nni, Yesu nkyerɛkyerɛ tɔfa bɔ,
    01:50:47 YOHANE 13: Yesu hohoro asuafoɔ no nan ase, Yesu ka deɛ ɔbɛyi no ama, Ahyɛdeɛ foforɔ a ɛne ɔdɔ, Petro pa a ɔbɛpa Yesu ho nkɔmhyɛ,
    01:59:44 YOHANE 14: Yesu ne ɔkwan a wɔde kɔ Agya no nkyɛn, Honhom Kronkron ho bɔhyɛ,
    02:04:27 YOHANE 15: Yesu ne nokorɛ bobe no, Wiase tane ne ɔtaa,
    02:08:47 YOHANE 16: Honhom Kronkron no adwuma, Awerɛhoɔ bɛdane anigyeɛ, Wiase so nkonimdie,
    02:14:08 YOHANE 17: Kristo bɔ mpaeɛ ma ne ho, Ɔbɔ mpaeɛ ma n’asuafoɔ, Ɔbɔ mpaeɛ ma n’akyidifoɔ a wɔbɛba,
    02:18:13 YOHANE 18: Yuda de asraafoɔ ba bɛkyere Yesu, Wɔde Yesu kɔgyina Ɔsɔfo panin anim,
    Petro pa n’Awurade, Ɔsɔfo panin no asɛmmisa, Petro pa n’Awurade bio, Wɔde Yesu kɔma amrado,
    Wɔbua Yesu kumfɔ,
    02:27:19 YOHANE 19: Yesu asɛnnua mu bɔ, Yesu wuo, Yesu sie,
    02:40:09 YOHANE 20: Yesu wusɔreɛ, Yesu yi ne ho adi kyerɛ Maria, Yesu yi ne ho adi kyerɛ n’asuafoɔ, Toma akyinnyegyeɛ, Nwoma yi botaeɛ,
    02:46:54 YOHANE 21: Yesu yi ne ho adi kyerɛ Asuafoɔ baason, Yesu sɔ Petro dɔ hwɛ, Yesu ne Osuani a ɔdɔ no no, Awieeɛ.

Комментарии •