Asante Twi - YOHANE 4-7 | Yesu: "Sɛ wonim Nyankopɔn akyɛdeɛ, ne deɛ ɔse wo sɛ:..." | Audio

Поделиться
HTML-код
  • Опубликовано: 1 окт 2024
  • YOHANE 4:
    Yesu ne Samariani baa no,
    Samariafoɔ pii gye Yesu nkyerɛkyerɛ,
    Galileafoɔ gye Yesu,
    Ahenkwaa bi ba ayaresa,
    YOHANE 5:
    Betesda obubuani no ayaresa,
    Yudafoɔ akyinnyegyeɛ,
    Yesu mmuaeɛ,
    Owusɔreɛ ne atemmuo,
    Osuboni Yohane adanseɛ,
    Nyankopɔn no ara adanseɛ,
    Apam dada adanseɛ,
    Anidie ahodoɔ mmienu,
    Mose ho akyinnyegyeɛ,
    YOHANE 6:
    Nnipa mpemnum aduanema,
    Yesu nante po so,
    Paano a ɛfiri soro,
    Asuafoɔ bi akyirisan,
    Petro paemuka,
    YOHANE 7:
    Yesu nuanom,
    Adwene ahodoɔ,
    Yesu firi soro,
    Deɛ nkurɔfoɔ susuo,
    Yesu bɛsane akɔ Nyankopɔn nkyɛn,
    Nkwa nsuo ho bɔhyɛ,
    Nkurɔfoɔ no adwene mu mpaepaemu,
    Wɔantumi ankye Kristo,
    -
    Yohane Asɛmpa no yi Yesu kyerɛ sɛ Onyankopɔn Asɛm a ɔyɛ Nkwa Farebae a ɔbɛtenaa yɛn mu (1.14). Sɛdeɛ nwoma no ara ka no, wɔatwerɛ saa Asɛmpa yi sɛdeɛ ɛbɛyɛ na n’akenkanfoɔ bɛgye Yesu adi sɛ Agyenkwa no, Onyankopɔn ba no, deɛ wɔahyɛ ne ho bɔ no, a wɔnam ne mu gyidie so bɛnya nkwa (20.31).
    Ɔyi Yesu adi sɛ Nyankopɔn Asɛm a ɔyɛ Nkwa Farebae no wie wɔ ahyɛaseɛ nkyerɛkyerɛmu no a, Asɛmpa no fa a ɛdi kan ka Yesu nsɛnkyerɛnneɛ ahodoɔ a ɔyɛeɛ de kyerɛɛ sɛ ɔno ne Agyenkwa a wɔahyɛ ne ho bɔ no, Onyankopɔn ba no. Nkɔmmɔbɔ a ɛtoa soɔ no kyerɛkyerɛ deɛ nsɛnkyerɛnneɛ no ma no da adie. Nwoma no fa yi ma no da adi sɛdeɛ ebinom gyee Yesu dii, maa wɔbɛdanee n’akyidifoɔ, berɛ a ebinom nso yɛɛ no dɔm, na wɔannye no anni.
    Ti 13-17 kyerɛ ayɔnkofa kɛseɛ a ɛbɛdaa Yesu ne n’asuafoɔ no ntam wɔ anadwo a wɔakye no no, ne awerɛkyekyerɛ ne ahosiesie nsɛm a ɔde gyaa wɔn anadwo a adeɛ rebɛkyɛ ama no awuo no. Ti a ɛdi akyire no ka Yesu kyereɛ, wɔde no kɔgyinaa asɛniiɛ, ne wuo ne ne wusɔreɛ, ne n’ahoyie a ɔyii kyerɛɛ n’asuafoɔ ɛberɛ a ɔsɔre firii awufoɔ mu no ho asɛm.
    Yohane si daa nkwa a ɛwɔ Kristo mu no so dua, akyɛdeɛ a ɔde ma seesei ara ma wɔn a wɔgye Yesu di sɛ ɔno ne ɔkwan, nokorɛ ne nkwa no. Deɛ ɛda adi pefee wɔ Yohane ho ne sɛdeɛ ɔde nnoɔma a yɛtaa hunu wɔ yɛn asetena mu toto honhom mu nnoɔma a ɛwɔ hɔ no ho. Nnoɔma bi te sɛ: Nsuo, paanoo, hann, odwanhwɛfoɔ no ne ne nnwan, bobe ne n’aduaba.
    EMU NSƐM
    Ahyɛaseɛ nkyerɛkyerɛmu 1.1-18
    Osuboni Yohane ne Yesu asuafoɔ a wɔdi kan no 1.19-51
    Yesu abɔntene so som adwuma 2.1-12.50
    Ɔbɛn Yerusalem ne nnawɔtwe a ɛdi akyire a ɔdii wɔ hɔ no 13.1-19.42
    Awurade wusɔreɛ ne n’ahoyie no 20.1-31
    Awieeɛ nsɛm; ɔyii ne ho adi bio wɔ Galilea 21.1-25

Комментарии •