Asante Twi | YOHANE Asɛmpa 11-13 | Lasaro nyane | Yesu hyɛne Yerusalem nkonimdie mu | Audio

Поделиться
HTML-код
  • Опубликовано: 1 окт 2024
  • YOHANE 11
    Lasaro wuo,
    Yesu kɔ Betania,
    Lasaro wuo ne ne sie,
    Lasaro nyane,
    Kaiafa nkɔmhyɛ,
    Yesu twe ne ho kɔ Efraim,
    YOHANE 12
    Maria de ngohwan sra Yesu,
    Wɔtu agyina sɛ wɔbɛkum Lasaro,
    Yesu hyɛne Yerusalem nkonimdie mu,
    Helafoɔ bi pɛ sɛ wɔhunu Yesu,
    Yesu ka ne wuo ho asɛm,
    Nkurɔfoɔ no ntumi nnye nni,
    Yesu nkyerɛkyerɛ tɔfa bɔ,
    YOHANE 13
    Yesu hohoro asuafoɔ no nan ase,
    Yesu ka deɛ ɔbɛyi no ama,
    Ahyɛdeɛ foforɔ a ɛne ɔdɔ,
    Petro pa a ɔbɛpa Yesu ho nkɔmhyɛ,
    Yohane Asɛmpa no yi Yesu kyerɛ sɛ Onyankopɔn Asɛm a ɔyɛ Nkwa Farebae a ɔbɛtenaa yɛn mu (1.14). Sɛdeɛ nwoma no ara ka no, wɔatwerɛ saa Asɛmpa yi sɛdeɛ ɛbɛyɛ na n’akenkanfoɔ bɛgye Yesu adi sɛ Agyenkwa no, Onyankopɔn ba no, deɛ wɔahyɛ ne ho bɔ no, a wɔnam ne mu gyidie so bɛnya nkwa (20.31).
    Ɔyi Yesu adi sɛ Nyankopɔn Asɛm a ɔyɛ Nkwa Farebae no wie wɔ ahyɛaseɛ nkyerɛkyerɛmu no a, Asɛmpa no fa a ɛdi kan ka Yesu nsɛnkyerɛnneɛ ahodoɔ a ɔyɛeɛ de kyerɛɛ sɛ ɔno ne Agyenkwa a wɔahyɛ ne ho bɔ no, Onyankopɔn ba no. Nkɔmmɔbɔ a ɛtoa soɔ no kyerɛkyerɛ deɛ nsɛnkyerɛnneɛ no ma no da adie. Nwoma no fa yi ma no da adi sɛdeɛ ebinom gyee Yesu dii, maa wɔbɛdanee n’akyidifoɔ, berɛ a ebinom nso yɛɛ no dɔm, na wɔannye no anni.
    Ti 13-17 kyerɛ ayɔnkofa kɛseɛ a ɛbɛdaa Yesu ne n’asuafoɔ no ntam wɔ anadwo a wɔakye no no, ne awerɛkyekyerɛ ne ahosiesie nsɛm a ɔde gyaa wɔn anadwo a adeɛ rebɛkyɛ ama no awuo no. Ti a ɛdi akyire no ka Yesu kyereɛ, wɔde no kɔgyinaa asɛniiɛ, ne wuo ne ne wusɔreɛ, ne n’ahoyie a ɔyii kyerɛɛ n’asuafoɔ ɛberɛ a ɔsɔre firii awufoɔ mu no ho asɛm.
    Yohane si daa nkwa a ɛwɔ Kristo mu no so dua, akyɛdeɛ a ɔde ma seesei ara ma wɔn a wɔgye Yesu di sɛ ɔno ne ɔkwan, nokorɛ ne nkwa no. Deɛ ɛda adi pefee wɔ Yohane ho ne sɛdeɛ ɔde nnoɔma a yɛtaa hunu wɔ yɛn asetena mu toto honhom mu nnoɔma a ɛwɔ hɔ no ho. Nnoɔma bi te sɛ: Nsuo, paanoo, hann, odwanhwɛfoɔ no ne ne nnwan, bobe ne n’aduaba.
    EMU NSƐM
    Ahyɛaseɛ nkyerɛkyerɛmu 1.1-18
    Osuboni Yohane ne Yesu asuafoɔ a wɔdi kan no 1.19-51
    Yesu abɔntene so som adwuma 2.1-12.50
    Ɔbɛn Yerusalem ne nnawɔtwe a ɛdi akyire a ɔdii wɔ hɔ no 13.1-19.42
    Awurade wusɔreɛ ne n’ahoyie no 20.1-31
    Awieeɛ nsɛm; ɔyii ne ho adi bio wɔ Galilea 21.1-25

Комментарии •