Asante Twi | YOHANE Asɛmpa 18-21 | Yesu asɛnnua mu bɔ | Yesu wuo | Yesu sie | Yesu wusɔreɛ | Audio

Поделиться
HTML-код
  • Опубликовано: 15 июн 2024
  • YOHANE 18
    Yuda de asraafoɔ ba bɛkyere Yesu,
    Wɔde Yesu kɔgyina Ɔsɔfo panin anim,
    Petro pa n’Awurade,
    Ɔsɔfo panin no asɛmmisa,
    Petro pa n’Awurade bio,
    Wɔde Yesu kɔma amrado,
    Wɔbua Yesu kumfɔ,
    YOHANE 19
    Yesu asɛnnua mu bɔ,
    Yesu wuo,
    Yesu sie,
    YOHANE 20
    Yesu wusɔreɛ,
    Yesu yi ne ho adi kyerɛ Maria,
    Yesu yi ne ho adi kyerɛ n’asuafoɔ,
    Toma akyinnyegyeɛ,
    Nwoma yi botaeɛ,
    YOHANE 21
    Yesu yi ne ho adi kyerɛ Asuafoɔ baason,
    Yesu sɔ Petro dɔ hwɛ,
    Yesu ne Osuani a ɔdɔ no no,
    Awieeɛ.
    -
    Yohane Asɛmpa no yi Yesu kyerɛ sɛ Onyankopɔn Asɛm a ɔyɛ Nkwa Farebae a ɔbɛtenaa yɛn mu (1.14). Sɛdeɛ nwoma no ara ka no, wɔatwerɛ saa Asɛmpa yi sɛdeɛ ɛbɛyɛ na n’akenkanfoɔ bɛgye Yesu adi sɛ Agyenkwa no, Onyankopɔn ba no, deɛ wɔahyɛ ne ho bɔ no, a wɔnam ne mu gyidie so bɛnya nkwa (20.31).
    Ɔyi Yesu adi sɛ Nyankopɔn Asɛm a ɔyɛ Nkwa Farebae no wie wɔ ahyɛaseɛ nkyerɛkyerɛmu no a, Asɛmpa no fa a ɛdi kan ka Yesu nsɛnkyerɛnneɛ ahodoɔ a ɔyɛeɛ de kyerɛɛ sɛ ɔno ne Agyenkwa a wɔahyɛ ne ho bɔ no, Onyankopɔn ba no. Nkɔmmɔbɔ a ɛtoa soɔ no kyerɛkyerɛ deɛ nsɛnkyerɛnneɛ no ma no da adie. Nwoma no fa yi ma no da adi sɛdeɛ ebinom gyee Yesu dii, maa wɔbɛdanee n’akyidifoɔ, berɛ a ebinom nso yɛɛ no dɔm, na wɔannye no anni.
    Ti 13-17 kyerɛ ayɔnkofa kɛseɛ a ɛbɛdaa Yesu ne n’asuafoɔ no ntam wɔ anadwo a wɔakye no no, ne awerɛkyekyerɛ ne ahosiesie nsɛm a ɔde gyaa wɔn anadwo a adeɛ rebɛkyɛ ama no awuo no. Ti a ɛdi akyire no ka Yesu kyereɛ, wɔde no kɔgyinaa asɛniiɛ, ne wuo ne ne wusɔreɛ, ne n’ahoyie a ɔyii kyerɛɛ n’asuafoɔ ɛberɛ a ɔsɔre firii awufoɔ mu no ho asɛm.
    Yohane si daa nkwa a ɛwɔ Kristo mu no so dua, akyɛdeɛ a ɔde ma seesei ara ma wɔn a wɔgye Yesu di sɛ ɔno ne ɔkwan, nokorɛ ne nkwa no. Deɛ ɛda adi pefee wɔ Yohane ho ne sɛdeɛ ɔde nnoɔma a yɛtaa hunu wɔ yɛn asetena mu toto honhom mu nnoɔma a ɛwɔ hɔ no ho. Nnoɔma bi te sɛ: Nsuo, paanoo, hann, odwanhwɛfoɔ no ne ne nnwan, bobe ne n’aduaba.
    EMU NSƐM
    Ahyɛaseɛ nkyerɛkyerɛmu 1.1-18
    Osuboni Yohane ne Yesu asuafoɔ a wɔdi kan no 1.19-51
    Yesu abɔntene so som adwuma 2.1-12.50
    Ɔbɛn Yerusalem ne nnawɔtwe a ɛdi akyire a ɔdii wɔ hɔ no 13.1-19.42
    Awurade wusɔreɛ ne n’ahoyie no 20.1-31
    Awieeɛ nsɛm; ɔyii ne ho adi bio wɔ Galilea 21.1-25

Комментарии •